Psalms 122

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.


1 Me ne wɔn a wosee me sɛ,
“Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.

2 Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,
Yerusalem.


3 Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn
wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4 Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ,
Awurade mmusuakuw no,
Wɔkɔkamfo Awurade din,
sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.

5 Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,
Dawid fi nhengua no.


6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,
“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.

7 Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu
na bammɔ mmra wʼaban mu.”

8 Me nuanom ne me nnamfonom nti,
mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”

9 Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,
mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.
Copyright information for TwiAKNA